Yesaia23twi_asa

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Tiro Ho

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho:Ao, Tarsis ahyɛn, montwa adwo!Ɛfiri sɛ wɔasɛe Tirona anka no afie anaa ɛhyɛngyinabea.Wɔfiri Kipro asase soabɛka akyerɛ wɔn.
2Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔ no sone mo Sidon adwadifoɔ aɛpo so adwumayɛfoɔ ama mo ayɛ adefoɔ.3Nsuo akɛseɛ no sona aduane firi Sihor nam baeɛ;Nil ho nnɔbaeɛ na ɛyɛɛ Tirofoɔ toɔ,na ɔbɛyɛɛ amanaman adwadibea.
4Animguaseɛ nka wo, Ao Sidon, ne wo, Ao ɛpo so aban,ɛfiri sɛ ɛpo akasa sɛ,“Menkyemee da na menwoo da;mentetee mmammarima anaa mmammaa da.”5Sɛ asɛm no duru Misraim a,wɔn ho bɛdwiri wɔn wɔ nkra a ɛfiri Tiro no ho.
6Montwa nkɔ Tarsis;montwa adwo, mo a mowɔ supɔ no so.7Yei ne mo ahosɛpɛ kuropɔn no?Yei ne teteete kuropɔn no awatu akɔtenaakyirikyiri nsase soɔ no anaa?8Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro,deɛ ɔkyekyɛ ahenkyɛ,deɛ nʼadwadifoɔ yɛ ahene mma,na nʼadetɔnfoɔ agye din wɔ asase so?9Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔ sɛ,ɔbɛbrɛ animuonyam mu ahomasoɔ asena wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.
10Yɛ wʼasase so adwuma te sɛ deɛ wɔyɛ wɔ Nil ho noAo Ɔbabaa Tarsis,ɛfiri sɛ wonni hyɛngyinabea bio.11Awurade apagya ne nsa wɔ ɛpo no soama ahennie ahodoɔ a ɛwɔ hɔ no repopo.Wahyɛ Kanaan ho mmara sɛ,wɔnsɛe nʼaban.12Ɔkaa sɛ, “Wʼahurisidie no nso ha ara,Ao Ɔbabaa bunu Sidon a wɔadwera wo!“Sɔre, tware kɔ Kipro;ɛhɔ mpo worennya ahotɔ.”13Monhwɛ Babiloniafoɔ asase no,saa nnipa a seesei wɔnka hwee no!Asiriafoɔ ayɛ nobeaeɛ a anweatam so mmoa teɛ;wɔsisii wɔn ntua aban bebree,wɔdwirii nʼaban guiɛma ɛdanee mmubuiɛ.
14Montwa adwo, Tarsis ahyɛn;wɔasɛe wʼaban!15Saa ɛberɛ no wɔrenkae Tiro mfeɛ aduɔson, a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfeɛ aduɔson akyi no, deɛ ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛdeɛ ɛwɔ odwamanfoɔ no dwom mu no:16“Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu,Ao odwamanfoɔ a wɔnnkae wo;bɔ sankuten no yie, to nnwom bebree,sɛdeɛ wɔbɛkae wo.”17Mfeɛ aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bɛdi. Ɔbɛsane akɔdi ne paa sɛ odwamanfoɔ na ɔne ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa adi dwa.18Nanso, deɛ ɔbɛnya ne ne mfasoɔ nyinaa, wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfasoɔ no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim, na wɔanya aduane bebree ne ntadeɛ pa.