1Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho:Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no,saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba.Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so.2Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me:Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ.Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim!Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ.3Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu,ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no;deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so,deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.4Mʼakoma bɔ paripari,ehu ma me ho popo;na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu noabɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu.5Wɔto ɛpono,wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam,wɔdidi, na wɔnom!Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ,momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!6Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:“Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔna ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo.7Sɛ ɔhunu nteaseɛnamne apɔnkɔ akuakuo,wɔn a wɔtete mfunumu sone wɔn a wɔtete nyoma so a,ɔnwɛn nʼasowɛn pa ara.”8Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ,“Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no soanadwo biara, megyina hɔ.9Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yiɔne apɔnkɔ dɔm.Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ,‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase!Nʼanyame ne nʼahoni nyinaaabubu agu fam!’ ”10Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ asemeka deɛ mateɛ kyerɛ mo,deɛ ɛfiri Asafo Awurade,deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ.
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom
11Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho:Obi frɛ me firi Seir,“Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye?Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?”12Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ,“Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa.Sɛ wobɛbisa bio asane bra bɛbisa.”
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Arabia
13Adehunu a ɛfa Arabia ho:Mo Dedan akwantufoɔ amosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,14Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn;mo a motete Tema,mommrɛ adwanefoɔ aduane.15Wɔdwane firi akofena a watwetadua a wɔakuntun mune ɔko a ɛgyina mu ano.16Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa.17Na agyantofoɔ a wɔbɛka ne Kedar akofoɔ bɛyɛ kakraa bi.” Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, aka nie.