Yesaia2twi_asa

Awurade Bepɔ No

1Yei ne deɛ Amos babarima Yesaia hunuiɛ, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.
2Nna a ɛdi akyire no mu no,Awurade asɔredan bepɔ no bɛtimsɛ mmepɔ no nyinaa ti;ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa sona aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.3Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ,“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so,nkɔ Yakob Onyankopɔn efie.Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwansɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.”Mmara no bɛfiri Sion abana Awurade asɛm afiri Yerusalem.4Ɔbɛbu amanaman ntam atɛnna ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm;wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔna wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ.Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena,na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
5Mommra, Ao Yakob fiefoɔ,momma yɛnnante Awurade hann mu.

Awurade Da No

6Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ,Yakob fiefoɔ.Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma;wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔna wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom.7Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma;wɔn ademudeɛ dɔɔso bebree.Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma;na wɔn nteaseɛnam dodoɔ nni ano.8Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma;wɔkoto sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma,deɛ wɔn nsateaa ayɛ.9Enti, Awurade bɛbrɛ onipa asena wama adasamma aboto.Ɔmmfa wɔn ho nkyɛ wɔn.
10Kɔhyɛne abotan no mu,fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane Awurade ho hune nʼanimuonyam kɛseyɛ nti!11Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam;Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.
12Asafo Awurade ahyɛ da biama ahomasofoɔ nyinaane deɛ ɛma ne ho so nyinaa(wɔbɛbrɛ wɔn ase),13Lebanon ntweneduro nyinaa, atentene ne deɛ ɛkrɔn,ne Basan odum nnua no,14mmepɔ atentene nyinaane nkokoɔ a ɛwowareɛ nyinaa,15ne abantenten a ɛkorɔnne ɔfasuo biara a ɛyɛ den,16adwadie hyɛn biarane ɛhyɛn kɛseɛ fɛfɛ biara.17Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam;Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,18na ahoni no bɛyera korakora.
19Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mune ntokuro a ɛdeda asase muɛsiane Awurade ho hune nʼanimuonyam kɛseyɛ enti,ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.20Saa ɛda no, nnipa bɛtowɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahonia wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom noagu ama akusie ne mpan.21Wɔbɛdwane akɔhyɛne abotan mu ntokuro mune abotan mpaapaeɛ muɛsiane Awurade ho hune nʼanimuonyam kɛseyɛ enti,ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.
22Monnyae sɛ mode mo ho to nnipa,a wɔwɔ ahome kɛkɛ so.Wɔyɛ ɛdeɛn koraa?