Yesaia18twi_asa

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Kus

1Due, asase a ntaban nnyegyeeɛ wɔ sowɔ Kus nsubɔntene ho,2a ɔsoma ananmusifoɔ a wɔnam ɛpo soa wɔde paparɔs abonto fa nsuo ani.Monkɔ, asomafoɔ ahoɔherɛfoɔ,monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom no nkyɛn,nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa,na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.
3Mo ewiasefoɔ nyinaa,mo a motete asase so,sɛ wɔpagya frankaa wɔ bepɔ no so a,mobɛhunu.Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a,mobɛte.4Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me,“Mɛtena mʼatenaeɛ na mahwɛ biribiara dinn.Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ,te sɛ ɛbɔ a ɛsi wɔ otwa berɛ mu.”5Ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhyerɛnne berɛ atwam no,na nhwiren no anyini adane bobe no,wɔde nsɔsɔ bɛtwitwa mman no;wɔbɛtwitwa mman a ɛredendan no akɔ.6Wɔbɛgya wɔn nyinaa ama bepɔ so nnomaaa wɔkum mmoa we, ne wiram mmoa;nnomaa no bɛdi wɔn nam wɔ ahuhuro ɛberɛ mu.Wiram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔ berɛ mu.7Saa ɛberɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ Asafo Awuradeɛbɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom hɔ,nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa,na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.Wɔde akyɛdeɛ bɛba Sion Bepɔ so, beaeɛ a Asafo Awurade din atim no.