Yesaia14twi_asa

1Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ;ɔbɛsane afa Israelna ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn ankasa asase so.Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn hona wɔne Yakob efie aka abɔ mu.2Amanaman bɛfa wɔnde wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ.Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn deasɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so.Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommumna wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so.3Na da a Awurade bɛma mo ahome afiri amanehunu, ahoyera ne nkoasom denden mu no,4mobɛdi Babiloniahene ho fɛ sɛ:hwɛ sɛdeɛ ɔhyɛsofoɔ no aba nʼawieeɛ!Ne sɛdeɛ nʼabufuo nso to atwa!5Awurade abubu otirimuɔdenfoɔ no abaa mu,sodifoɔ ahempoma no,6deɛ abufuo mu no ɔde bobɔɔ wɔntoatoaa so hwehwee fam,na abufuhyeɛ mu ɔtintim wɔn so a ahomegyeɛ nni mude brɛɛ amanaman no ase.7Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoeɛ mu;na wɔto dwom.8Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduronya ho anigyeɛ na wɔka sɛ,“Afei a wɔabrɛ wo ase yi,duatwafoɔ biara remmetwa yɛn.”
9Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne hoabɛhyia wo kwan;ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhomsɛ wɔmmɛma wo akwaaba,wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase,ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so,wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so.10Wɔn nyinaa bɛgye so,wɔbɛka akyerɛ wo sɛ,“Wo nso woayɛ mmrɛ sɛ yɛn;woayɛ sɛ yɛn ara.”11Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu,ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no;wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wona asonsono akata wo so.
12Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam,Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima!Wɔato wo abɛhwe asase so,wo a na kane no wobrɛ amanaman ase!13Wokaa no wʼakoma mu sɛ,“Mɛforo akɔ soro;mɛma mʼahennwa soasi Onyankopɔn nsoromma atifi;mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so,deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so.14Mɛforo atra omununkum atifi;mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.”15Nanso wɔde wo abɛto damena mu,amena donkudonku ase tɔnn.
16Wɔn a wɔhunu wo no hwɛ wo haa,wɔdwene deɛ ato woɔ no ho bisa sɛ,“Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosoo asasena ɔmaa ahennie ho popooeɛ,17ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam,deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛna wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?”
18Amanaman ahemfo no nyinaa, wɔadeda obiarawɔ ne da mu.19Nanso wɔapam wo afiri wo da mute sɛ duban a wɔapoɔ;wɔde wɔn a atotɔ akata wo so,wɔn a wɔtɔɔ wɔ akofena ano,wɔn a wɔsiane kɔ aboɔ amena mu,te sɛ efunu a wɔatiatia soɔ.20Wɔrensie wo nka wɔn ho,ɛfiri sɛ, woasɛe wʼasasena wakunkum wo nkurɔfoɔ.Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ nowɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ sɛ ɔhene.21Siesie baabi a wɔbɛkunkum ne mmammarimawɔ wɔn agyanom bɔne nti;ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no sona wɔde wɔn nkuropɔn pete so.
22“Mɛsɔre atia wɔn,”Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.“Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ,ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,”sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.23“Mɛdane no ayɛ beaeɛ a apatuo wɔne ɔwora;mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no,”sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Asiria

24Asafo Awurade aka ntam sɛ,“Nokorɛm, sɛdeɛ mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ,na sɛdeɛ madwene ho no, ɛrensesa.25Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so;mɛtiatia ne so me mmepɔ so.Ɔbɛyi ne kɔnnua afiri me nkurɔfoɔ so,na nʼadesoa nso afiri wɔn so.”
26Yei ne nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama ewiase nyinaa;yei ne nsa a wɔatene wɔ aman nyinaa so.27Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hwan na ɔbɛsi no kwan?Na sɛ watene ne nsa, hwan na ɔbɛsianka no?

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Filistifoɔ

28Saa adehunu yi baa afe a ɔhene Ahas wuiɛ no:29Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ,sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu;saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba,na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ herɛ na nʼano wɔ borɔ.30Ahiafoɔ mu hiani bɛnya adidibea,na mmɔborɔni bɛda asomdwoeɛ mu.Nanso wʼasefoɔ deɛ, mede ɛkɔm bɛtɔre wɔn ase;ɛbɛkunkum wo nkaeɛfoɔ.
31Twa adwo, Ao kuro ɛpono! Su teaam Ao kuropɔn!Monnwane, mo Filistifoɔ!Wisie kumɔnn bi firi atifi fam reba,na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu.32Mmuaeɛ bɛn na wɔde bɛmasaa ɔman no ananmusifoɔ?“Awurade de Sion atim hɔ.Ne mu na nʼamanehunufoɔ bɛnya dwanekɔbea.”