Yesaia10twi_asa
1Wɔnnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmmfa ɛkwan mu,wɔn a wɔhyɛ mmaraden a ɛde nhyɛsoɔ ba,2de tena ahiafoɔ ahofadie so,de atɛntenenee bɔ me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no atirimuɔden.Wɔma akunafoɔ yɛ amanehunufoɔna wɔbɔ nwisiaa korɔno.3Ɛdeɛn na mobɛyɛ akontabuo da no,ɛberɛ a amanehunu firi akyirikyiri reba?Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa?Ɛhefa na mobɛgya mo ahodeɛ?4Ɛnka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafoɔ muanaa sɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu.Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ,na wama ne nsa so ayɛ krado.