1“Monhyɛn totorobɛnto!Ɔkɔdeɛ bi wɔ Awurade fiefoɔ soɛfiri sɛ nnipa no abu mʼapam sona wɔasɔre atia me mmara.2Afei, Israel su frɛ me sɛ,‘Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛgye wo to mu!’3Nanso, Israel apo deɛ ɛyɛ;ɔtamfoɔ bɛtaa no.4Wɔsisi ahemfo a mennim ho hweewɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so.Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn hode sɛeɛ wɔn ankasa ho.5To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria!Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so.Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn?6Wɔfiri Israel!Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ;ɛnyɛ Onyankopɔn!Wɔbɛbubu mu asinasini,saa Samaria nantwie ba no.7“Wɔdua mframana wɔtwa ntwahoframa.Awuo a ɛgyina hɔ no nni tire;enti wɔrennya esam mfiri mu.Sɛ ɛso aduane mpo a,ahɔhoɔ na wɔbɛdi.8Wɔamene Israel;afei ɔfra aman no mute sɛ adeɛ a ɛho nni mfasoɔ biara.9Na wɔakɔ Asiriate sɛ wiram afunumu a ɔno nko ara nenam.Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ.10Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ,nanso mɛboaboa wɔn ano.Wɔn so bɛfiri aseɛ atewɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase.11“Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ,ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so.12Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn,nanso wɔfaa no sɛ ananafoɔ adeɛ.13Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛna wɔwe ɛnam no,nanso wɔnsɔ Awurade ani.Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛmna watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho:Wɔbɛsane akɔ Misraim.14Israel werɛ afiri ne yɛfoɔna wasisi ahemfie akɛseakɛseɛ;Yuda abɔ nkuro bebree ho ban.Nanso, mɛto ne nkuropɔn mu ogyaa ɛbɛhye wɔn aban.”