Hosea7twi_asa
1ɛberɛ biara a mɛsa Israel yadeɛ no,Efraim nnebɔne da adi.Samaria awurukasɛm nso daa adi.Wɔyɛ nnaadaafoɔakorɔmfoɔ a wɔbubu adan ani kɔ afie mu,ne akwanmukafoɔ a wɔbɔ korɔno wɔ mmɔntene so.2Na wɔnhunu sɛmekae wɔn nnebɔne nyinaa.Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so;ɛgu mʼanim ɛberɛ biara.3“Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani,na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani.4Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔa akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu.Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogyaɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam.5Ɛda a ɔhene rehyɛ fa noahenemma boro nsã,na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro.6Wɔn akoma te sɛ fononoo;wɔde atirimpɔ bɔne kɔ ɔhene anim.Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa;adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te sɛ ogyaframa.7Wɔn nyinaa ayɛ hye sɛ fononoo.Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ.Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe asena wɔn mu biara nnsu mfrɛ me.8“Efraim ne aman no adi afraEfraim yɛ ɔfam a anyinya a wɔnkusaeɛ.9Ananafoɔ twe nʼahoɔden,nanso ɔnhunu.Ɛdwono aba ne tiri so,nanso nʼani mmaa so.10Israel ahantan di adanseɛ tia no,nanso yei nyinaa akyi noɔnnsane nkɔ Awurade ne Onyankopɔn nkyɛn,na ɔnhwehwɛ no nso.11“Efraim te sɛ aborɔnoma awɔtumi daadaa no na ɔnni adwene.Ɔfrɛ Misraim,na wadane akɔ Asiria.12Sɛ wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so;atwe wɔn aba fam te sɛ ewiem nnomaa.Sɛ mete sɛ wɔretu abom a,mɛkyere wɔn.13Nnome nka wɔn,ɛfiri sɛ wɔatwe wɔn ho afiri me ho!Ɔsɛeɛ mmra wɔn so,ɛfiri sɛ wɔate me so atua!Anka mepɛ sɛ megye wɔnnanso wotwa atorɔ fa me ho.14Wɔmmfiri wɔn akoma mu nnsu mfrɛ memmom wɔtwa adwo wɔ wɔn mpa so.Wɔboaboa wɔn ho ano kɔpɛ aduane ne nsã foforɔ,nanso wɔtwe wɔn ho firi me ho.15Metetee wɔn, hyɛɛ wɔn den,nanso wɔbɔ pɔ bɔne tia me.16Wɔnnhwehwɛ Ɔsorosoroni no;wɔte sɛ tadua a asɛeɛ,wɔn ntuanofoɔ bɛtotɔ wɔ akofena anoɛfiri sɛ, wɔnnkasa obuo so.Yei enti wɔbɛdi wɔn ho fɛwɔ Misraim asase so.