1“Montie mo asɔfoɔ!Monhyɛ yei nso, mo Israelfoɔ!Monyɛ aso, Ao adehyefie!Saa atemmuo yi tia mo:Moayɛ afidie wɔ Mispa,ne asau a wɔagu no Tabor so.2Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ.Mɛtwe wɔn nyinaa aso.3Menim Efraim ho nsɛm nyinaa;wɔmfaa Israel nhintaa me.Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman;na Israel aprɔ.4“Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwanmma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn.Adwamammɔ honhom wɔ wɔn akoma mu;wɔnnye Awurade nto mu.5Israel ahantan di tia no.Israelfoɔ, mpo Efraim suntisunti wɔ wɔn amumuyɛ mu;Yuda nso ne wɔn sunti saa ara.6Sɛ wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwiekɔhwehwɛ Awurade aWɔrenhunu no,ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.7Wɔanni Awurade nokorɛ.Wɔwowoo adwamam mma.Afei wɔn Bosome Foforɔ Afahyɛbɛsɛe wɔn ne wɔn nsase.8“Hyɛn totorobɛnto no wɔ Gibea.Hyɛn abɛn no wɔ Rama.Momma ɔko nteam so wɔ Bet Awen;Ao, Benyamin akofoɔ, monsɔre nni anim.9Wɔbɛsɛe Efraimwɔ akontabuo da.Israel mmusuakuo no mu nomepae mu ka deɛ ɛwom.10Yuda sodifoɔ no te sɛwɔn a wɔyiyi ahyeɛso aboɔ.Mɛhwie mʼabufuo agu wɔn sote sɛ nsuyire.11Wɔhyɛ Efraim so,wɔtiatia ne so wɔ atemmuo mu,wasi nʼadwene pi sɛ ɔbɛdi ahoni akyi.12Mɛyɛ sɛ nweweboa ama Efraimna mayɛ Yudafoɔ sɛ dua a aporɔ.13“Ɛberɛ a Efraim hunuu ne yadeɛ,na Yuda nso hunuu nʼakuro no,Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.Ɔsoma kɔɔ ɔhene kɛseɛ no hɔ kɔpɛɛ mmoa.Nanso wantumi ansa no yadeɛ,na akuro no nso anwuwu.14Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraimna mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda.Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ;Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.15Afei, mɛsane akɔ me nkyikɔsi sɛ wobɛnya ahonu.Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyiri ɛkwan;wɔn awerɛhoɔ mu, wɔbɛhwehwɛ me anibereɛ so.”