1Montie Awurade asɛm, mo Israelfoɔɛfiri sɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔmo a mote asase no so:“Nokorɛ, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.2Nnome nko ara, atorɔtwa ne awudie,korɔnobɔ, ne awaresɛeɛna moyɛ ma ɛtra so,na mogyahwiegu ba ntoasoɔ ntoasoɔ.3Yei enti asase no di awerɛhoɔna wɔn a ɛte so nyinaa wuwu;ewiram mmoa, ewiem nnomaane ɛpo mu nam rewuwu.4“Mma obiara mmɔ kwaadu,mma obiara mmɔ ɔfoforɔ soboɔ.Na mmom, mo asɔfoɔmo na me ne mo anya.5Mosunti awia ne anadwo,na adiyifoɔ no ne mo sunti.Ɛno enti mɛsɛe mo ɔman.6Nimdeɛ a me nkurɔfoɔ nni enti wɔresɛe.“Sɛ moapo nimdeɛ enti,me nso mapo mo sɛ mʼasɔfoɔ;sɛ moabu moani agu mo Onyankopɔn mmara so enti,me nso mabu mʼani agu mo mma so.7Asɔfoɔ no redɔɔso nona bɔne a ɛboro soɔ na wɔyɛ tia me.Wɔde wɔn Animuonyam asesa deɛ ɛyɛ animguaseɛ.8Wɔdidi me nkurɔfoɔ bɔne hoɛno enti wɔn ani gye atirimuɔdensɛm ho.9Sɛdeɛ nnipa no teɛ no, saa ara na asɔfoɔ no nso teɛ.Metwe wɔn mmienu aso wɔ wɔn akwan hona matua wɔn wɔn nneyɛeɛ so ka.10“Wɔbɛdidi, nanso wɔremmee.Wɔbɛbɔ adwaman, nanso wɔrennɔre,ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade hɔ,de wɔn ho ama11adwamammɔ,nsã dada ne foforɔ,a ɛma me nkurɔfoɔ12nteaseɛ tu yera.Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asene nkyɛnna duasin bi ama wɔn mmuaeɛ.Adwamammɔ honhom rema wɔn ayera ɛkwan;wɔnni wɔn Onyankopɔn nokorɛ.13Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ atifina wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ nkokoɔ so:odum, duafufuo ne odupɔn ase,deɛ onwunu yɛ fɔmm hɔ.Ɛno enti, wo mmammaa dane adwamammɔfoɔna mo nsenom mmaa nso yɛ awaresɛefoɔ.14“Merentwe mo mmammaa asosɛ wɔadane adwamanfoɔ,anaa mo nsenom mmaa asosɛ wɔasɛe awadeɛ.Ɛfiri sɛ, mo mmarima, mo nso mote saa ara.Mo ne baasifoɔ ne abosomfieso adwamanfoɔdi hwebom.Nnipa a wɔnni nteaseɛ bɛkɔ ɔsɛeɛ mu!15“Ɛwom sɛ woyɛ ɔwaresɛefoɔ deɛ, Ao Israel,nanso, mma Yuda nni ho fɔ.“Nkɔ Gilgal;na ɛmforo nkɔ Bet Awen.Na nnka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’16Israelfoɔ yɛ asoɔdenfoɔte sɛ, nantwie ba a ɔyɛ asowuiɛɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn sosɛ nnwammaa a wɔwɔ adidibea?17Efraim de ne ho abɔ ahoni;Gyaa no!18Sɛ wɔn nsã sa koraa a,wɔtoa wɔn adwamammɔ so;wɔn sodifoɔ ani gye aniwudeɛ ho yie.19Ntwaho mframa bɛpra wɔn akɔ,na wɔn afɔrebɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wɔn.