Hebrifoɔ8twi_asa

Wɔde Kristo Bɔɔ Afɔdeɛ

1Asɛm a yɛgyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanin a ɔte Otumfoɔ a ɔwɔ ɔsoro no ahennwa no nifa.2Ɔsom sɛ Ɔsɔfopanin wɔ Kronkronbea hɔ a ɛyɛ ntomadan a ɛwɔ ɔsoro. Saa ntomadan yi, Awurade ankasa na ɔsiiɛ na ɛnyɛ onipa.3Wɔyi Ɔsɔfopanin biara sɛ ɔmfa akyɛdeɛ ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɛno enti ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ.4Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ koraa ɛfiri sɛ, asɔfoɔ wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔdeɛ ma, sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no.5Nanso dwuma a wɔdi sɛ asɔfoɔ no yɛ ɔsoro nsususoɔ bi kwa. Ɛte sɛ Mose berɛ so deɛ no ara pɛ. Ɛberɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔsi ntomadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Si no sɛdeɛ merekyerɛ wo wɔ bepɔ no so pɛpɛɛpɛ.”6Afei deɛ, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn deɛ no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛeɛ no ntamgyinafoɔ.7Sɛ na apam a ɛdi ɛkan no yɛ a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛtɔ so mmienu no.8Nanso, Onyankopɔn hunuu mfomsoɔ wɔ ne nkurɔfoɔ ho ɛberɛ a ɔkaa sɛ,“Nna bi reba, Awurade na ɔseɛ,a me ne Israelfoɔ ne Yuda abusuakuobɛhyehyɛ apam foforɔ.9Ɛrenyɛ sɛ apam ame ne wɔn agyanom yɛeɛ noɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsadii wɔn anim firii Misraim no.Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ,ɛno enti mante mʼani anhwɛ wɔn,Awurade na ɔseɛ.10Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛɛberɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ:Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenemna matwerɛ agu wɔn akoma mu.Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.11Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnkoanaa ne kuromni sɛ, ‘Hunu Awurade,’ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me firiakumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.12Mɛhunu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho;na merenkae wɔn bɔne bio.”

Nhyehyɛeɛ Dada No

13Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforɔ” no ama deɛ wɔyɛɛ kane no ayɛ dada; na biribiara a anyini ayɛ dada no nkyɛre yera.