Galatifoɔ1twi_asa
Nkyea
1Me Paulo, ɔsomafoɔ a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔfrɛɛ me, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no.2Me ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa,De krataa yi kɔma Galati asafo ahodoɔ no nyinaa:3Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.4Yɛn bɔne enti, Kristo yɛɛ ɔsetie maa yɛn Agya Onyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee yɛn firii bɔne a yɛwɔ mu ɛnnɛ yi mu.5Animuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen.6Mo ho yɛ me nwanwa! Ɛnkyɛree koraa, morepa deɛ ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no akɔ asɛmpa foforɔ ho.7Nokorɛm, asɛmpa foforɔ biara nni baabi, nanso meka ɛfiri sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a wɔredane mo adwene pɛ sɛ wɔsesa Kristo Asɛmpa no.8Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonsonoeɛ da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.9Yɛaka dada na mereti mu bio sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye atom no bɔ abira no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.10Deɛ nnipa pene so na mereyɛ yi anaa? Dabi! Mepɛ deɛ Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ deɛ ɛsɔ nnipa ani? Sɛ megu so yɛ saa deɛ a, na menyɛ Kristo ɔsomfoɔ.