Hesekiel7twi_asa

Awieeɛ No Aba

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,2“Onipa ba, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Israel asase no:“ ‘Awieeɛ no, awieeɛ no aduruasase no ntweaso ɛnan no so!3Awieeɛ no aduru wɔ wo so,na mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so.Mɛgyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn, namatua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so.4Merenhunu wo mmɔbɔna meremfa wo ho nkyɛ wo.Ampa ara mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no,na moahunu sɛ me ne Awurade.’
5“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:“ ‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee danam ɛkwan so reba!6Awieeɛ no aba!Awieeɛ no aba!Apagya ne ho atia wo.Aba!7Ɔsɛeɛ aduru mo,mo a mote asase no so.Ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn;huboabɔ ɛberɛ a ɛnyɛ mmepɔ no so ahosɛpɛ.8Merebɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo sode awie mʼabufuo a ɛtia wo no.Mɛgyina wo nneyɛɛ so abu wo atɛn,na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so.9Merenhunu wo mmɔbɔ,na meremfa wo ho nkyɛ wo.Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no.Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade, na mebobɔ.10“ ‘Ɛda no nie!Hwɛ aba!Atemmuo da no apue,abaa no afefɛ,ahantan ahanehane!11Akakabensɛm ayɛ abaaa wɔde twe amumuyɛ aso.Nnipa no mu biara renka,nnipakuo no mu biara,ahonyadeɛ ne deɛ ɛsom bo biara renka.12Ɛberɛ no aso!Ɛda no aduru.Mma ɔdetɔfoɔ ani nnnyeanaa ɔdetɔnfoɔ werɛ nho,ɛfiri sɛ abufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.13Deɛ ɔtɔn no nsa renka asasea watɔn no biowɔ ɛberɛ a wɔn mmienu te ase,Ɛfiri sɛ anisoadehunu a ɛfa nnipakuono nyinaa no rensesa.Wɔn bɔne enti, wɔn mu baako koraaremfa ne ho nni.
14“ ‘Ɛwom, wɔhyɛne totorobɛnto,na wɔboaboa biribiara ano deɛ,nanso obiara renkɔ ɔsa,ɛfiri sɛ mʼabufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.15Akofena wɔ mfikyire;na ɔyaredɔm ne ɛkɔm wɔ efie.Wɔn a wɔwɔ ɔman no mubɛtotɔ wɔ akofena ano.Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no,ɔyaredɔm ne ɛkɔm bɛkum wɔn.16Wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi muna wɔadwane no bɛtena mmepɔ no so.Na wɔakurum te sɛmmɔnhwa mu mmorɔnomawɔ wɔn mu biara bɔne enti.17Nsa nyinaa bɛdwodwona nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛ sɛ nsuo.18Wɔbɛfirafira ayitomana wɔabɔ huboa.Aniwuo bɛkata wɔn animna wɔayi wɔn tirinwi.
19“ ‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so,na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ.Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔrentumi nnye wɔnAwurade abufuhyeɛ ɛda no.Ɛrenkum wɔn kɔmna ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma,ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu.20Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho,na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛne nsɛsodeɛ tantane;enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn.21Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛna mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ,na wɔbɛgu ho fi.22Mɛyi mʼani afiri wɔn sona akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi.Wɔbɛwura hɔna wɔagu ho fi.
23“ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn!Ɛfiri sɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma,na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.24Mɛma aman no mu otirimuɔdenfoɔ pa araabɛfa wɔn afie;mɛma ɔhoɔdenfoɔ ahomasoɔ aba awieeɛ,na wɔn kronkrommea ho bɛgu fi.25Sɛ ehu ba a,wɔbɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri ɛkwan, nanso ɛbɛbɔ wɔn.26Atoyerɛnkyɛm bɛdi atoyerɛnkyɛm akyi aba;atesɛm bɛdi atesɛm akyi.Wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛnya anisoadehunu afiri odiyifoɔ no hɔ,Ɔsɔfoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn.Saa ara na wɔrennya afotuo mfiri mpanimfoɔ hɔ.27Ɔhene no bɛtwa adwo,ɔheneba no bɛfira abasamutuo,na asase no so nnipa nsa bɛpopo.Me ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ,na mɛgyina wɔn pɛpɛyɛ so abu wɔn atɛn.Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.’ ”