1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:2“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:“ ‘Wofiri wʼahantan akoma mu ka sɛ,“Meyɛ onyame;mete onyame bi ahennwa sowɔ ɛpo mfimfini.”Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,ɛwom, wodwene sɛ wonim nyansa sɛ onyame bi.3Wonim nyansa sene Daniel anaa?Wonim kokoamsɛm biara anaa?4Wonam wo nyansa ne nhunumu soanya ahodeɛ ama wo ho.Woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebreeagu wʼakoradan mu.5Wonam wʼadwadie mu nyansa soama wʼahonya adɔɔso,na wʼahonya entiwahoran wɔ wʼakoma mu.6“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:“ ‘Esiane sɛ wodwene sɛ wonim nyansate sɛ Onyame enti,7mede ananafoɔ reba abɛtia wo,amanaman no mu ɔdesɛefoɔ pa ara;wɔbɛtwetwe wɔn akofenawɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa sona wɔahwire wʼanimuonyam no.8Wɔde wo bɛto amena no mu,na wobɛwu owu yaayawɔ ɛpo mfimfini.9Afei wobɛka sɛ, “Meyɛ onyame,”wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no anim anaa?Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyamewɔ wɔn a wɔkumm woɔ no nsam.10Wobɛwu momonotofoɔ wuowɔ ananafoɔ nsam.Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”11Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:12“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:“ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛsodeɛ,na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛ dua.13Na anka wowɔ EdenOnyankopɔn turo no mu.Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔsikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ,aboɔdemmoɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ.Wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛdeɛ,wɔsiesiee ne nyinaa ɛda a wɔbɔɔ woɔ.14Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfoɔ Kerub,ɛfiri sɛ saa na mehyɛɛ woɔ.Na wowɔ Onyankopɔn bepɔ kronkron no so;wonantee ogya aboɔ mu.15Na anka wʼakwan ho nni asɛmɛfiri ɛda a wɔbɔɔ woɔ nokɔsii sɛ wɔhunuu amumuyɛ wɔ wo mu.16Wʼadwadie a emu trɛ no entiwɔde akakabensɛm hyɛɛ wo mana woyɛɛ bɔne.Ɛno enti mepamoo wo firiiOnyankopɔn bepɔ no so wɔ animguaseɛ mu,na meyii wo adi, Ao ɔhwɛfoɔ Kerub,firii ogya aboɔ no mu.17Wo horanee wɔ wʼakoma muwʼahoɔfɛ enti,na womaa wo nyansa porɔeɛ,wʼanimuonyam no enti.Enti metoo wo twenee fam;na mede wo yɛɛ ahwɛdea wɔ ahemfo anim.18Wode wo nnebɔne ne adwadie mu nsisieagu wo kronkrommea ho fi,ɛno enti memaa ogya firii wo muna ɛhyee wo,na mema wo danee nsõwɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.19Aman a na wɔnim woɔ nyinaaho adwiri wɔn wɔ wo ho:wʼawieeɛ ayɛ ahometena wɔrenhunu wo bio.’ ”
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Sidon
20Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:21“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no22na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:“ ‘Me ne wo anya, Ao Sidonna mɛnya animuonyam wɔ wo mu.Wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no,ɛberɛ a mede asotwe aba wo sona mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wo mu.23Mɛma ɔyaredɔm aba wo sona mama mogya atene wɔ wo mmɔntene so.Apirafoɔ bɛtotɔ wɔ wo mu,ɛberɛ a akofena redi ahim wɔ wo ho nyinaa.Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.24“ ‘Na Israelfoɔ rennya ayɔnkofoɔ a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaaya sɛ ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bio. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.25“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ meboa Israelfoɔ ano firi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahunu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob no so.26Wɔbɛtena hɔ asomdwoeɛ mu na wɔbɛsisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu wɔ ɛberɛ a matwe nʼayɔnkofoɔ a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no.’ ”