1“Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom2na monka sɛ:“ ‘Na wo maame yɛ gyatabereɛ mu soronkowɔ agyata mu!Ɔdaa gyataburuwa muyɛnee ne mma.3Ɔyɛn ne mma no mu baakoma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfoɔ.Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu,na ɔwee nnipa nam.4Amanaman no tee ne nka,na wɔn amena yii no.Wɔguu no nkapo de no kɔɔMisraim asase so.5“ ‘Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ nʼanidasoɔ anyɛ hɔ,na deɛ ɔrehwɛ anim ayera no,ɔfaa ne ba foforɔyɛɛ no gyata ɔhoɔdenfoɔ.6Ɔkyinkyinii agyata no muɛfiri sɛ na wayɛ gyata hoɔdenfoɔ.Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa muna ɔwee nnipa nam.7Ɔbubuu wɔn abandendenna ɔsɛee wɔn nkuro.Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no,ne mmobomu bɔɔ wɔn hu.8Afei amanaman no sɔre tiaa no,wɔn a wɔfiri nsase a atwa ahyia no so.Wɔguu no asau kyeree nowɔ wɔn amena mu.9Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ ebuo muna wɔde no brɛɛ Babilonia ɔhene.Wɔde no too nneduafie,na wɔante ne mmobomu no biowɔ Israel mmepɔ no so.10“ ‘Na wo maame te sɛ bobeduaa wɔtɛɛ no nsuo ho wɔ wo bobeturo mu.Na ɛso aba, na ɛyiyii mmannsuo a ɔnya no bebree no enti.11Ne mman yɛɛ den yieɛdi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma.Ɛkorɔn, bunkam faa nhahan a ayɛ kuhaa no so,ne sorokɔ ne ne mman bebree nomaa no yɛɛ sononko.12Nanso wɔde abufuhyeɛ tuu nʼasede no hwee fam.Apueeɛ mframa maa no kasaeɛ,ɛso aba tete guiɛ;na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameeɛna ogya hyeeɛ.13Afei wɔakɔtɛ no wɔ ɛserɛ soasase wesee a nsuo nni muo.14Ogya trɛ firii ne mman baako sona ɛhyee nʼaba.Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ sodeɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma ma ɛyɛ yie no.’Yei yɛ kwadwom, na ma wɔnto no saa ara.”