2 Mose (Ɛksodɔs)25twi_asa
Hyiadan Afɔrebɔ
1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,2“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔmmɔ afɔdeɛ mma me.3“Saa nneɛma a ɛdidi so yi mu na wɔmfiri mmɔ me afɔdeɛ no:“sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere,4ntoma tuntum, koogyan bibire tam; koogyan tam, serekye, abirekyie ho nwi,5odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, mmirekyie nwoma a wɔahyɛ, okuo dua,6kanea ngo, ɔsra ngo, nnuhwam a wɔhyeɛ,7apopobibirieboɔ, aboɔdemmoɔ a wɔde bɛtuatua asɔfotadeɛne adaaboɔ no mu.8“Mepɛ sɛ Israelfoɔ si asɔredan kronkron ma me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi atena wɔn mu.9Me fie no bɛyɛ ntomadan. Mɛkyerɛ mo ɛkwan a mepɛ sɛ mosi saa dan no ne sɛdeɛ mobɛsiesie mu na moagyina so asi.