Ɔsɛnkafoɔ12twi_asa

1Kae wo Bɔfoɔwɔ wo mmeranteberɛ mu,ansa na nnabɔne no abana mfeɛ a wobɛka sɛ,“Menni mu anigyeɛ biara” no reba,2ansa na owia ne hann,ɔsrane ne nsoromma aduru sum,na omununkum asane aba osutɔ akyi.3Ɛberɛ a efie no awɛmfoɔ ho popo,na mmarima ahoɔdenfoɔ akom,ɛberɛ a ayamfoɔ agyae adwumayɛ, sɛ wɔsua entina wɔn a wɔhwɛ mpoma mu no ani so ayɛ kusuu;4ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono muna ayammeeɛ nnyegyeeɛ ano abrɛ ase;ɛberɛ a nnipa te nnomaa su na wɔanyane,nanso wɔn nnwontoɔ ano brɛ ase;5ɛberɛ a nnipa suro ɛsoro kɔne mmɔntene so amanenyasɛm;ɛberɛ a sorɔno dua bɛgu nhyerɛnnena abɛbɛ wea korɔna nkatedeɛ ho adwodwoɔ.Afei onipa kɔ ne daa homeɛ muna agyaadwotwafoɔ tu gu mmɔntene so.
6Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate,anaasɛ sikakɔkɔɔ ayowaa no abɔ;ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asutene ho,anaasɛ asubura so nkyimiiɛ abubu,7na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ,na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.
8“Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ.“Biribiara yɛ ahuhudeɛ!”

Asɛm No Awieeɛ

9Ɔsɛnkafoɔ no yɛ onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree.10Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛfata, na deɛ ɔtwerɛeɛ no yɛ pɛ na ɛyɛ nokorɛ nso.11Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yie. Saa nsɛm yi nyinaa firi Odwanhwɛfoɔ baako nkyɛn.12Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho firi biribiara a ɛka yeinom ho, me babarima. Nwoma bebrebe atwerɛ nni awieeɛ, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛ.13Afei ne nyinaa atɔ asom;nsɛm no awieeɛ nie:Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛdeɛ so,na onipa asɛdeɛ nyinaa nie.14Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn,deɛ wɔayɛ asie nso ka ho,sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.