1Yei ne nhyira a Onyankopɔn onipa Mose de hyiraa Israelfoɔ no ansa na ɔrewu:2Ɔkaa sɛ,“Awurade firi Sinai ba bɛpueeyɛn so firii Seir;ɔhran firii Paran bepɔ so.Ɔde akronkronfoɔ pii ba firiianafoɔ fam ne mmepɔ nsianeɛ so.3Nokorɛ mu, wo wodɔ wo nnipa no,akronkronfoɔ nyinaa wɔ wo nsam.Wɔkoto wo nan ase,na wɔnya nkyerɛkyerɛ firi wo hɔ;4mmara a Mose de maa yɛn no:Yakob nkurɔfoɔ agyapadeɛ.5Awurade yɛɛ ɔhene wɔ Yeshurunɛberɛ a nnipa no ntuanofoɔ hyiaaIsrael mmusuakuo no.6“Ma Ruben nya nkwa. Mma nʼase ntɔre.Na ne mmarima nso, mma wɔn so nhwan.”7Asɛm a Mose ka faa Yuda abusuakuo ho nie:“Tie Ao Awurade, tie Yuda sufrɛfa no brɛ ne nkurɔfoɔ.Ɔde nʼankasa ahoɔden bɔ ne ho ban.Yɛ ne ɔboafoɔ na tia nʼatamfoɔ!”8Asɛm a Mose ka faa Lewi abusuakuo ho nie:“Ao Awurade, wode ade kronkronama wʼasomfoɔ nokwafoɔ Lewifoɔ.Wosɔɔ wɔn hwɛɛ wɔ Masawone wɔn koeɛ wɔ Meriba asuo ho.9Lewifoɔ tiee wʼasɛmbɔɔ wʼapam no ho ban.Wɔdii wo nokorɛsene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ,wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ.10Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ.Wɔde aduhwam bɛba wʼanimAbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so.11Hyira Lewifoɔ, Ao Awuradena ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani.Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku;bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.”12Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie:“Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔna wɔnya banbɔ wɔ ne mu.Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biarana ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.”13Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie:“Awurade nhyira wɔn nsase;ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosorone nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no,14ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mune adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu;15ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mune deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu16ne akyɛdeɛ amapa dodoɔ a ɛfiri asase mu,ne adom a ɛfiri deɛ ɔpuee wɔ ogya a ɛrederɛ no mu.Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef sonhyɛ no ahenkyɛ wɔ ne nuanom mu.17Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba.Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn.Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman,apamo wɔn akɔ asase ano.Yei ne me nhyira amede rema Efraim bebrebene Manase mpempem no.”18Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie:“Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu.Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu.19Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no sokɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ.Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepane ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.”20Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie:“Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu!Gad ayɛ krado sɛ gyataa ɔrebɛtu abasa anaa wate etire.21Gad nkurɔfoɔ gyee asase pa no maa wɔn ho;ɔkannifoɔ kyɛfa na wɔde maa wɔn.Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no mpanimfoɔ hyiaeɛ no,wɔde Awurade atɛntenenee yɛɛ adwuma,na wɔdii mmara a wɔde maa Israelfoɔ no so.”22Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuo ho nie:“Dan yɛ gyata ba aɔrehurihuri firi Basan.”23Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuo ho nie:“Ao Naftali, wowɔ adom bebreena Awurade nhyira ayɛ wo ma;atɔeɛ fam ne anafoɔ fam bɛyɛ wo kyɛfa.”24Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuo ho nie:“Aser nnya animuonyam wɔ ne nuanom anim;ne nuanom mfa anidie mma no;wɔmfa ngo nsra ne nan ho.25Wʼapono ho nkyerewa nyɛ dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ;Awurade mmɔ wo ho ban wo nkwa nna nyinaa.26“Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Onyankopɔn;Ɔnam ɔsorosoro bɛboa wo,ɔde ne tumi nante omununkum mu.27Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea;nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo.Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim;Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’28Enti, Israel bɛtena ase asomdwoeɛ mu;Yakob a wanya nkɔsoɔ bɛnya banbɔwɔ asase a aduane ne nsã wɔ so,na ɔsoro tɔ bosuo gu so.29Nhyira nka mo, Ao Israel!Hwan na ɔte sɛ mo,nnipa a Awurade agye mo nkwa.Ɔyɛ mo akokyɛm ne mo ɔboafoɔne mo nkonimdie akofena!Mo atamfoɔ bɛkoto mo anim,na moatiatia wɔn so.”