Amos6twi_asa

1Nnome nka mo a mogye mo ho die wɔ Sion,ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔ so,mo atitire a mowɔ ɔman dikanfoɔ mu,a Israelfoɔ ba mo nkyɛn!2Monkɔ Kalne, nkɔhwɛ hɔ.Na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ mu,monsiane nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia.Wɔyɛ sene mo ahemman mmienu no?Wɔn asase no so sene mo deɛ no anaa?3Motu ɛda bɔne hyɛ ɛdana motwe Atemmuo da bɛn.4Modeda asonse mpa somogye mo ahome wɔ mo nnaeɛ mu,na mowe nnwammaa neanantwie mma a wɔadɔre sradeɛ nam.5Mode mo sankuten to ahuhudwom,na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔmo nnwontodeɛ so te sɛ Dawid.6Monom nsã nkorama muna mode sradehwam papa yɛ mo ho,na monni awerɛhoɔ wɔ Yosef sɛeɛ ho.7Ɛno enti, mobɛka atukɔfoɔ a wɔdi ɛkan no ho;na mo apontoɔ ne mo ahomegyeɛ to bɛtwa.

Awurade Kyiri Israel Ahomasoɔ

8Otumfoɔ Awurade aka ne ho ntamna deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:“Mekyiri Yakob ahomasoɔna memmpɛ nʼaban;mede kuropɔn no bɛmaɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.”9Sɛ wogya nnipa edu wɔ efie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu.10Na sɛ obusuani a ɔrebɛhye awufoɔ no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afiri efie hɔ na ɔbisa obi a wakɔtɛ sɛ, “Obi ka wo ho anaa?” Na ɔbuaa sɛ, “Dabi” a, afei ɔbɛka sɛ, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.11Na Awurade ahyɛ mmarana ɔbɛbubu afie akɛseɛ no mu asinasinine afie nketewa no nso mu nketenkete.
12Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so anaa?Na obi de nantwie funtum hɔ anaa?Nanso, moadane atɛntenenee ayɛ no awuduro.Na tenenee nso ayɛ nwononwono.13Mo a moani gye Lo-debar nkoguo ho,na mobisa sɛ, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so anaa?”
14Deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mɛhwanyan ɔman bi abɛtia mo, Ao Israelfoɔ,deɛ ɔbɛhyɛ mo so firi Lebo Hamat akɔsi Araba bɔnhwa mu.”