1Tie asɛm yi, mo Israelfoɔ, saa mmenabɔ yi fa mo ho:2“Ɔbabunu Israel ahwe asea ɔrensɔre bio,wɔapo no ɔno ara asase so,na ɔnni obi a ɔbɛpagya no.”3Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie:“Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfoɔ apem ko ma Israel no,emu ɔha pɛ na ɛbɛka;Kuro a ɔde ahoɔdenfoɔ ɔha no,emu edu pɛ na ɛbɛka.”4Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie:“Monhwehwɛ me na monnya nkwa;5Monnhwehwɛ Bet-El,monnkɔ Gilgal,na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso.Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa muna wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”6Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa,anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya;ɛbɛhye,na Bet-El rennya obi nnum no.7Mo a moma atemmuo yɛ nwonona mototo tenenee ase.8Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma,deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛna ɔma awia dane adesaeɛ.Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo anona ɔhwie gu asase so,ne din ne Awurade.9Ɔsɛe abandenden ntɛm sona ɔbubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,10motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛna mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa.11Motiatia ohiani sona mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn.Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ,nanso morentena mu;ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛnanso morennom emu nsã.12Na menim mo mmarato dodoɔne mo bɔne akɛseɛ no.Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛmobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ.13Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu,ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne.14Monhwehwɛ papa, na moanya nkwana ɛnyɛ bɔne.Na Asafo Awurade Onyankopɔn bɛka wo ho,sɛdeɛ moka sɛ ɔyɛ no.15Monkyiri bɔne, na monnɔ papa;Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ.Ebia, Asafo Awurade Onyankopɔnbɛnya ahummɔborɔ amaYosef nkaeɛfoɔ.16Enti deɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:“Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa sona ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so.Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsuna agyamfoɔ abɛtwa adwo.17Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu,ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Awurade Ɛda No
18Nnome nka wɔn awɔpɛ sɛ Awurade da no ba!Deɛn enti na mopɛ sɛ Awurade da no ba?Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann.19Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata animna ɔkohyia sisire,sɛ deɛ owura ne fiede ne nsa to ɔfasuo so,na ɔwɔ ka no.20Na Awurade da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann,ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu.21“Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ;mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.22Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ,nanso merennye.Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ menanso mʼani rensɔ.23Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so!Merentie mo asankuten so nnwom.24Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten,na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da!25“Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ memfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?26Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame,ne mo honi Rɛfan so;wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.27Ɛno enti, mɛtwa mo asuo akɔ Damasko nohoa,”sɛdeɛ Awurade a ne din ne Onyankopɔn Otumfoɔ seɛ nie.