Amos3twi_asa

Wɔfrɛ Adansefoɔ Tia Israel

1Montie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa:2“Mo nko ara na mayi mowɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;enti mɛtwe mo asowɔ mo bɔne nyinaa ho.”
3Nnipa baanu bɛtumi abom anante,wɔ ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa?4Gyata bobom wɔ dɔtɔ asewɔ ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa?Ɔpɔ so wɔ ne buo muwɔ ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa?5Anomaa bɛtɔ afidie mu wɔ famwɔ baabi a wɔnnsum afidie anaa?Afidie hwan wɔɛberɛ a ɛnyii aboa anaa?6Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu annipa no ho mpopo anaa?Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu aɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa?
7Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribia ɔnna ne nhyehyeɛ adinkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no.
8Gyata no abobom,hwan na ɔnnsuro?Otumfoɔ Awurade akasa,hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm?
9Mompae mu nka nkyerɛ Asdod abanne Misraim aban:“Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so;hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne sone nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.”
10“Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawiasie wɔ wɔn aban mu.11Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,“Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so;Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu,na wafo wʼaban.”12Deɛ Awurade seɛ nie:“Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gyennyawa mmienu nnompe anaa aso sinfiri gyata anom no,saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa,wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria,ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.”13“Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie.14“Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no,mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El;wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛnna abu ahwe fam.15Mɛdwiri awɔberɛ efiene ahuhuro berɛ efie agu;na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe nona afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.