Amos2twi_asa

1Deɛ Awurade seɛ nie:“Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno enti, merennane mʼabufuo.Ɔhyee Edomhene nnompe,ma ɛdanee nsõ.2Mede ogya bɛto Moab mu,na ahye Keriot aban.Moab bɛhwe ase wɔ hooyɛ,ɔko nteateamu ne totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.3Mɛsɛe ne sodifoɔna makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.4Deɛ Awurade seɛ nie:“Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno enti, merennane mʼabufuo.Wɔapo Awurade mmara nona wɔanni nʼahyɛdeɛ soɛfiri sɛ atorɔ anyame noama wɔafom ɛkwan no,anyame a wɔn nananom dii akyire no.5Mede ogya bɛto Yuda muna ahye Yerusalem aban.”

Israel Atemmuo

6Deɛ Awurade seɛ nie:“Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno enti, merennane mʼabufuo.Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ,ne ahiafoɔ de gye mpaboa.7Wɔtiatia ahiafoɔ sote sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturona wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ.Agya ne ne ba ne ɔbaa baako dade gu me din kronkron no ho fi.8Wɔdeda afɔrebukyia biara howɔ wɔn awowa ntoma so.Wɔ wɔn anyame efie no mu nowɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ.
9“Mesɛee Amorifoɔ no wɔ wɔn anim,ɛwom sɛ wɔware te sɛ ntweneduro.Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum.Mesɛee nʼaba wɔ ne soro,ne ne nhini wɔ nʼase.10Meyii wo firii Misraim,na medii wʼanim mfirinhyia aduanan wɔ ɛserɛ sosɛdeɛ mede Amorifoɔ asase bɛma wo.11Meyiyii mo mmammarima no bi yɛɛ wɔn adiyifoɔ,ne mo mmeranteɛ binom sɛ Nasarefoɔ.Na ɛnte saa anaa, Israelfoɔ?”Deɛ Awurade bisa nie.12“Nanso momaa Nasarefoɔ no nom nsãna mohyɛɛ adiyifoɔ no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm.
13“Na afei, mɛdwerɛ mosɛdeɛ teaseɛnam a aduane ayɛ no ma mia asase no.14Ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane.Ahoɔdenfoɔ rennya ahoɔden,na akofoɔ rennya ne ho ntete.15Agyantofoɔ rentumi nnyina deɛ ɔgyina.Asraafoɔ ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane,na pɔnkɔsotefoɔ rentumi mpere ne nkwa.16Mpo akofoɔ akokoɔdurufoɔde adagya bɛdwane wɔ saa da no,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.