Amos1twi_asa
1Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no.2Ɔkaa sɛ:“Awurade bobom firi Sion bepɔ sona ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem;nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehyena Karmel atifi nso kusa.”