Asomafoɔ22twi_asa
1“Anuanom ne agyanom, montie mʼanoyie yi.”2Wɔtee sɛ ɔka Arameike no, wɔyɛɛ komm koraa. Paulo toaa so sɛ,3“Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetee me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Mesuaa sɛdeɛ wɔdi Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ mo nyinaa nso reyɛ ɛnnɛ yi.4Metaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho no nyinaa ma wɔkunkumm wɔn. Mekyeree mmaa ne mmarima de wɔn guu afiase.5Ɔsɔfopanin ne agyinatufoɔ no nyinaa di me adanseɛ sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokorɛ. Wɔn nkyɛn mpo na megyee tumi nwoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafoɔ a wɔwɔ Damasko no. Saa nwoma no na anka mɛgyina so makyekyere nnipa a wɔdi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso.6“Owigyinaeɛ a mereyɛ maduru Damasko no, prɛko pɛ, hann bi twa faa me ho.7Metwa hwee fam, na metee nne bi a ɛrebisa me sɛ, ‘Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me?’8“Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’ “Ɛnne no buaa me sɛ, ‘Ɛyɛ me Nasareni Yesu a wotaa me no.’9Nnipa a na wɔne me nam no hunuu hann no de, nanso wɔante nne a ɛkasa kyerɛɛ me no.10“Mebisaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade?’ “Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre na kɔ Damasko, na ɛhɔ na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ sɛ woyɛ.’11Hann no hyerɛn ano den maa mʼani firaeɛ enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no sosɔɔ me nsa de me kɔɔ Damasko.12“Na Onipa bi a wɔfrɛ no Anania a ɔdi Mose mmara so a na Yudafoɔ nyinaa di no ni no te Damasko hɔ.13Ɔbaa me nkyɛn bɛkaa sɛ, ‘Onua Saulo, hunu adeɛ bio!’14“Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛn nananom Onyankopɔn ayi wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nʼapɛdeɛ na woahunu ɔteneneeni no, na wobɛte nʼankasa ne nne sɛ ɛkasa kyerɛ wo.15Wobɛdi adanseɛ afa biribiara a woahunu na woate wɔ Awurade ho no akyerɛ nnipa nyinaa.16Afei, ɛdeɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’