2 Samuel3twi_asa
1Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛree yie, na ne ahyɛaseɛ nie. Ɛberɛ a Dawid adedie renya ahoɔden no, na Saulo adedie no resɛe.2Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Hebron:
Nʼabakan no din de Amnon a ɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel no babarima.3Deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ɔfiri Karmel no kunabaa babarima; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Absalom a ɔyɛ GesurheneTalmai babaa Maaka babarima.4Deɛ ɔtɔ so ɛnan no din de Adoniya a ɔyɛ Hagit babarima; deɛ ɔtɔ so enum no din de Sefatia a ɔyɛ Abital babarima.5Na deɛ ɔtɔ so nsia no din de Yitream a ɔyɛ Dawid yere Egla babarima.
Wɔwoo saa mma yi maa Dawid wɔ Hebron.