1 Ahemfo4twi_asa
Salomo Mpanimfoɔ Ne Amradofoɔ
1Enti, Salomo dii Israel nyinaa so ɔhene.2Na yeinom ne ne mpanimfoɔ:Sadok babarima Asariana na ɔyɛ ɔsɔfoɔ.3Sisa mmammarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asɛnniiɛ atwerɛfoɔ. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ.4Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ akodɔm sahene. Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfoɔ.5Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansini amradofoɔ titenani. Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ no, na na ɔyɛ ɔhene fotufoɔ a ɔde ne ho to ne so.6Ahisar na na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ. Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so.7Na Salomo wɔ amansini amradofoɔ dumienu wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔgye nnuane firi ɔmanfoɔ nkyɛn de kɔma ahemfiefoɔ. Wɔn mu biara hwɛ, di saa dwuma yi ɔbosome baako wɔ afe biara mu.8Saa amradofoɔ dumienu no edin na ɛdidi soɔ yi:
Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔ asase so.9Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.10Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so.11Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babaa Tafat).12Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafoɔ ne nkuro a ɛfiri Bet-Sean, de kɔsi Abel-Mehola, tra kɔsi Yokmeam akyi no so.13Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead a Yair nkuro (a wɔde too Manase babarima Yair) a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apono asisi ano ka ho.14Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim.15Na Ahimaas wɔ Naftali (Ɔno nso waree Salomo babaa Basmat.)16Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot.17Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar.18Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin.19Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so.