1 Berɛsosɛm6twi_asa
Asɔfoɔ Awoɔ Ntoatoasoɔ
1Na Lewi mmammarima yɛ: Gerson, Kohat ne Merari.2Na Kohat asefoɔ nso yɛ: Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.3Na Amram mma yɛ: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mmammarima yɛ: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.4Eleasa woo Pinehas. Pinehas woo Abisua.5Abisua woo Buki, na Buki woo Usi,6Usi woo Serahia, Serahia woo Meraiot,7Meraiot woo Amaria, na Amaria woo Ahitub,8Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Ahimaas,9Ahimaas woo Asaria, Asaria woo Yohanan,10Yohanan woo Asaria, a ɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu.11Asaria woo Amaria, Amaria woo Ahitub,12Ahitub woo Sadok, Sadok woo Salum,13Salum woo Hilkia, Hilkia woo Asaria.14Asaria woo Seraia, Seraia woo Yehosadak.15Wɔtwaa Yehosadak asuo ɛberɛ a Awurade de Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ kɔɔ nnommum mu a na wɔhyɛ Nebukadnessar ase no.Lewifoɔ Mmusua
16Na Lewi mmammarima din de: Gersom, Kohat ne Merari.17Na Libni ne Simei ka Gerson asefoɔ ho.18Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho.19Na Mahli ne Musi ka Merari asefoɔ no ho.Yeinom ne Lewifoɔ mmusua sɛdeɛ wɔn mpanimfoɔ nnidisoɔ teɛ.20Na Gerson asefoɔ yɛ: Libni, Yahat, Sima,21Yoa, Ido, Serah ne Yeaterai.22Na Kohat asefoɔ ne Aminadab, Kora, Asir,23Elkana, Ebiasaf, Asir,24Tahat, Uriel, Usia ne Saulo.25Na Elkana asefoɔ ne: Amasai, Ahimot,26Sofai, Nahat,27Eliab, Yeroham, Elkana ne Samuel.28Na Samuel mmammarima din ne: Yoɛl a ɔyɛ ɔpanin ne Abiya a ɔtɔ so mmienu no.29Na Merari mma ne: Mahli, Libni, Simei, Usa,30Simea, Hagia ne Asaia.
Asɔredan Mu Nnwom Ho Nimdefoɔ
31Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi soɔ yi dii Awurade fie nnwom anim, ɛberɛ a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no.32Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ, kɔsii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.33Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma somm wɔ hɔ no.Heman, dwom ho nimdefoɔ no, na ɔfiri Kohat abusua mu. Wɔto nʼabusuadua ana firi Yoɛl, Samuel,34Elkana, Yeroham, Eliel, Yoa,35Suf, Elkana, Mahat, Amasai,36Elkana, Yoɛl, Asaria, Sefania,37Tahat, Asir, Ebiasaf, Kora,38Ishar, Kohat, Lewi ne Israel ase;39Herman abadiakyire a ɔdi ɛkan no din de Asaf, a na ɔfiri Gerson abusua mu. Wɔto Asaf abusuadua ana firi Berekia, Simea,40Mikael, Baaseia, Malkia,41Etni, Serah, Adaia,42Etan, Sima, Simei,43Yahat, Gersom ne Lewi ase.44Herman abadiakyire a ɔtɔ so mmienu no din de Etan, a na ɔfiri Merari abusua mu. Wɔto Etan abusuadua ana firi Kisi, Abdi, Maluk,45Hasabia, Amasia, Hilkia,46Amsi, Bani, Semer,47Mahli, Musi, Merari ne Lewi ase.