1 Berɛsosɛm3twi_asa
Dawid Asefoɔ
1Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail.2Ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne maame din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa. Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit.3Ne ba a ɔtɔ so enum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne maame Abital. Ne ba a ɔtɔ so nsia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne maame Egla.4Wɔwowoo mmammarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Ɔdii adeɛ wɔ hɔ mfirinhyia nson ne fa.
Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduasa mmiɛnsa wɔ hɔ.5Mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne:
Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babaa Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.6Wɔsane wowoo mmammarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet,7Noga, Nefeg, Yafia,8Elisama, Eliada ne Elifelet.9Yeinom ne Dawid mmammarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabaa bi a wɔfrɛ no Tamar.