Sefania1twi_aka

1Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn ni. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba no bere so.

Atemmu A Etia Yuda

2“Mɛpra biribiara afi asase so”nea Awurade se ni,3“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;mɛpra nnomaa a wɔwɔ wimne mpataa a wɔwɔ po mu nyinaa.Atirimɔdenfo benya wura a esum hɔ nko ara,sɛ mesɛe adesamma a wɔwɔ asase yi so a,”nea Awurade se ni.4“Mɛteɛ me nsa wɔ Yudane wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha,na masɛe abosonsomfo ne akɔmfo asɔfo no din5wɔn a wɔkotow sɔre wɔn adan atifi,de sɔre abɔde a ɛwɔ wim,wɔn a wɔkotow de Awurade ka ntamna wɔde Molek nso ka ntam,6wɔn nso a wogyae Awurade akyidina wɔnhwehwɛ Awurade anaa wommisa nʼase.”
7Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim,efisɛ, Awurade da no abɛn.Awurade asiesie afɔrebɔde;wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.
8“Awurade afɔrebɔ da no,mɛtwe mmapɔmmane ahenemmane wɔn a wɔhyehyɛananafo ntade nyinaa aso.9Saa da no mɛtwe wɔna wɔkwati apongua no nyinaa aso.Wɔn a wɔde akakabensɛmne asisi hyehyɛ wɔn abosomfi amaama no.
10“Saa da no,”sɛnea Awurade se ni,“Osu befi Mpataa Pon ano,agyaadwotwa befi Atenae Foforona nnyigyei a ano yɛ den afi nkoko no so aba.11Muntwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ nowɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di gua ase,dwetɛ aguadifo nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.12Mede akanea bekyin ahwehwɛ Yerusalem muna matwe wɔn a wogyaagyaa wɔn ho aso,wɔn a wɔte sɛ bobesa puw no,a wodwen se, ‘Awurade renyɛ hweesɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no.’13Wɔbɛfom wɔn ahonyade,na wɔabubu wɔn afi agu.Wobesisi afi, nanso wɔrentena muwɔbɛyɛ bobe mfuwnanso wɔrennom mu nsa.”

Awurade Da Kɛse No

14Awurade da kɛse no abɛn,abɛn na ɛreba ntɛm so.Tie! Osu a wobesu Awurade da no bɛyɛ yaw,ɔkofo a ɔwɔ hɔ nso nteɛmu bɛyɛ saa ara.15Saa da no bɛyɛ abufuw da,ɛyɛ ahoyeraw ne ɔyaw da;ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛe da,ɛyɛ esum ne kusukuukuu daɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ da,16ɛyɛ ntorobɛntohyɛn ne ɔko nteɛmua etia nkuropɔn a ɛwɔ bammɔne ntwɔtwɔw so abantenten da.
17“Mede awerɛhow bɛba nnipa no sona wɔbɛnantew sɛ anifuraefo,efisɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade.Wobehwie wɔn mogya agu sɛ mfutuma,na wɔn ayamde nso sɛ atantanne.18Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔrentumi nnye wɔn nkwawɔ Awurade abufuw da no.”Ne ninkutwe mu gya nobɛhyew ɔman no nyinaa,na ɔbɛma asase no so tefo nyinaa nkwaaba awiei mpofirim.