Sakaria9twi_aka

Atemmu A Etia Israel Atamfo

1Nkɔmhyɛ:
Awurade asɛm tia Hadrak asasena ɛbɛka Damaskoefisɛ, nnipa ne Israel mmusuakuw nyinaaani wɔ Awurade so.
2Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hye,ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ anyansafo.3Tiro asi abandennen ama ne ho;waboa dwetɛ ano te sɛ mfutuma,ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔte a ɛwɔ mmɔnten so.4Nanso Awurade begye nʼahode nyinaana wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ po so,na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee.5Askelon behu na wasuroGasa de ɔyaw bebubu ne mu,na Ekron nso saa ara, efisɛ nʼanidaso bɛsa.Gasa bɛhwere ne henena wobegyaw Askelon ofituw.6Ananafo bɛtena Asdod,na metwa Filistifo ahantan agu.7Meyi mogya afi wɔn ano,akyiwade nnuan nso meyi afi wɔn ano.Nkae no bɛyɛ yɛn Nyankopɔn de;wɔbɛyɛ Yuda ntuanofo,na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifo.8Nanso mɛbɔ me Fi ho banwɔ wɔn a wɔtetɛw bɔ korɔn ho.Ɔhyɛsoni biara ntumi mfa me nkurɔfo so bio,efisɛ afei merewɛn.

Sion Hene Ba

9Di ahurusi, Ɔbabea Sion!Teɛ mu, Ɔbabea Yerusalem!Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn.Ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye,odwo, na ɔte afurum so,afurum ba so na ɔte.10Megye nteaseɛnam afi Efraimne akofo apɔnkɔ afi Yerusalem,na akodi tadua no wobebubu mu.Ɔbɛpae mu aka asomdwoe nsɛm akyerɛ aman no.Nʼahenni befi po akɔka po;ebefi Asubɔnten no akɔpem nsase ano.11Na wo de, esiane me ne wo mogya apam no nti,meyi wo nneduafo afi amoa a nsu nni mu mu.12Monsan nkɔ mʼaban mu, nneduafo a mowɔ anidaso;mprempren mpo merebɔ mo nkae sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.13Mɛkom Yuda sɛnea mikuntun me taduana mede Efraim bɛhyɛ mu.Mɛkanyan wo mmabarima, Sion,atia wo Hela mmabarima,na mɛyɛ wo sɛ ɔkofo afoa.14Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔ wɔn so;nʼagyan betwa yerɛw te sɛ anyinam.Otumfo Awurade bɛhyɛn torobɛnto no;ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔe fam ahum mu,15Asafo Awurade bɛkata wɔn so.Wɔde ahwimmo bɛsɛena wɔde adi nkonim.Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛnea wɔanom nsa;wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa awɔde pete afɔremuka ntwea so.16Awurade wɔn Nyankopɔn, begye wɔn saa da nosɛ oguanhwɛfo gye ne nguan.Wobetwa yerɛw yerɛw wɔ nʼasase so,sɛ abohemaa a ɛbobɔ ahenkyɛw ho.17Sɛnea wɔn ho betwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa!Aduan bɛma mmerante anyin ahoɔden sona nsa foforo bɛma mmabaa anyin saa ara.