Nnwom Mu Dwom8twi_aka

1Sɛ anka woyɛɛ me nuabarimaa wunum me na nufu ano,na mihuu wo wɔ abɔnten so a,anka mefew wʼano,a obiara rentumi mmu me animtiaa.2Anka medi wʼanimna mede wo aba me na fi,ɔno a wakyerɛkyerɛ me.Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu,me ntunkum mu nsu dɔkɔdɔkɔ no bi.3Ne nsa benkum da mʼatikona ne nsa nifa aka me afam ne bo.4Yerusalem mmabea, mehyɛ mo sɛ,morennyan na morenhwanyan ɔdɔ mukosi bere a ɛsɛ mu.5Hena na ofi sare so reba aotweri ne dɔfo koko mu yi?Ababaa:Mekanyan wo wɔ aprɛ dua no ase;ɛhɔ na wo na nyinsɛnee wo,ɛhɔ na nea ɔkoo awo no woo wo.6Fa me to wo koma so sɛ nsɔwanode,sɛ nsɔwanode wɔ wʼabasa so,efisɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owu,ne ninkutwe tim hɔ sɛ ɔda.Ɛhyehye sɛ ogyatannaa,sɛ ogyatannaa a ano yɛ den pa ara.7Nsu dodow rentumi nnum ɔdɔ;nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ.Sɛ obi de ne fi ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ aanka wɔremmu no ade a ɛsom bo.8Yɛwɔ nuabea akumaa bi a,ne nufu mmobɔɔ ɛ.Dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea yiwɔ da a wobebisa no ase?9Sɛ ɔyɛ ɔfasu a,yebesi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban.Sɛ ɔyɛ ɔpon a,yɛde sida besiw ne pon ano kwan.10Meyɛ ɔfasu,na me nufu te sɛ abantenten.Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi aɔde nea ɛsɔ ani reba.11Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon;ɔde ne bobeturo no maa apaafo.Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua nonnwetɛbona apem.12Nanso me bobeturo yi yɛ me de.Me de, meremfa mma;Salomo de ne de gye nnwetɛbona apem,na otua nʼapaafo nnwetɛbona ahannu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.13Wo a wote turo no mune nnamfonom a wɔka wo ho,ma mente wo nne.14Bra ma yɛnkɔ, me dɔfo,na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ baanaasɛ ɔforote ba aɔwɔ mmepɔw a nnuhuam ahyɛ so ma so.