Nnwom Mu Dwom5twi_aka
1Maba me turo mu, me nuabea, mʼayeforo;maboaboa me kurobow ne me nnuhuam ano.Madi me wokyɛm ne ɛwo;manom me bobesa ne me nufusu.Nnamfonom:Nnamfonom, munnidi na monnom;Adɔfonom, monnom nea ɛbɛmee mo dɔ.2Medae, nanso me koma anna.Tie! me dɔfo rebɔ pon no mu;“Bue me, me nuabea, me dɔ,mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm.Obosu afɔw me tirim,anadwo mu bosu afɔw me nwi.”3Maworɔw mʼatade,mensan mfa nhyɛ ana?Mahohoro mʼanan ase,memma ho nyɛ fi bio ana?4Me dɔfo yɛɛ sɛ ɔrebue pon nome koma fii ase bɔɔ kim kim wɔ me mu.5Mesɔree sɛ merekobue me dɔfo,na me nsa ho kurobowne me nsateaa ho aduhuam,yɛɛ korɔkorɔ no nsa ho.6Mibue maa me dɔfo no,nanso na ɔkɔ.Ne kɔ no maa me ho dwiriw me.Mehwehwɛɛ no nanso manhu no baabiara.Mefrɛɛ no nanso wannye me so.7Awɛmfo no huu mebere a wɔrebɔ aporɔw wɔ kuropɔn no mu.Wɔbobɔɔ me pirapiraa me;woyii mʼatade kɔe;saa awɛmfo a wɔwɛn afasu no!8Yerusalem mmabea, mehyɛ mo,sɛ muhu me dɔfo no a,asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no?Monka nkyerɛ no se ɔdɔ ama matɔ beraw.9Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo,mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ?Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo aenti wohyɛ yɛn sɛɛ?10Me dɔfo ho twa na ogyigye,wɔfa mpem du a, ɔyɛ sononko.11Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ ankasa;ne ti so nwi yɛ kuhaa,na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.12Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma aogyina asuwa bi ho;ɛte sɛ nea wɔde nufusu aguare no,na etuatua hɔ sɛ abohemaa.13Nʼafono te sɛ pɛprɛ a wɔasɛw no kɛtɛ.Ɛho hua te sɛ aduhuam.Nʼanofafa te sɛ sukookoa ɛsosɔ kurobow.14Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaaa wɔde sikabereɛbo asisi mu.Ne nipadua te sɛ asonse a wɔatwiw hona wɔde hoabo adura ho.15Nʼanan te sɛ abohemaa afadum aesisi sikakɔkɔɔ ankasa nnyinaso so.Ne bɔbea te sɛ Lebanon aɔyɛ sononko sɛ ne sida.16Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa;ɔkwan biara so, ne ho yɛ fɛ.Me dɔfo ni, mʼadamfo ni,Yerusalem mmabea.