SNG3twi_aka

1Anadwo mu nyinaa, wɔ me mpa somehwehwɛɛ nea me koma da no so;mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.2Mɛsɔre afei na makokyinkyin kuropɔn no mu,ne mmɔnten so ne gua so;na mahwehwɛ nea me koma da no so.Enti mehwehwɛɛ no nanso manhu no.3Awɛmfo no huu mebere a wɔrebɔ aprɔw wɔ kuropɔn no mu.“Moahu nea me koma da no so no ana?”4Mereyɛ atwa wɔn ho pɛna mihuu nea me koma da no so no.Misoo ne nsa sɛ meremma no nkɔkosii sɛ mede no baa me na fi,de no kɔɔ nea onyinsɛnee me no dan mu.5Yerusalem mmabea, mede atwewane wuram ɔforote hyɛ mo sɛMonnkanyan na munnyan ɔdɔkosi bere a ɛsɛ mu.
6Hena na ofi sare so rebate sɛ wusiw kumɔnn aefi kurobow, aduhuamne aguadifo pɛprɛ ahorow mu, atutu ne ho yi?7Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam aakofo aduosia bɔ no kyidɔm;ade a ɛwɔ anuonyam pa ara wɔ Israel,8Wɔn nyinaa bobɔ afoa,wɔn nyinaa wɔ akodi ho nyansa.Wɔn afoa bobɔ wɔn nkyɛn mu,na obiara asiesie ne ho ama nea ebesi anadwo a ɛyɛ hu biara.9Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho;ɔde Lebanon nnua na ɛyɛe.10Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum,ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinaso.Wɔde biridum ntama na eduraa mu nkongua ho;mu asiesie yɛ ahomekana Yerusalem mmabea na wɔyɛe.11Mumfi adi, mo Sion mmabea,mommɛhwɛ ɔhene Salomo sɛ ɔhyɛ ahenkyɛwnea ne na de hyɛɛ no nʼayeforohyia da no,da a odii ahurusi wɔ ne koma mu no.