SNG2twi_aka
1Meyɛ Saron nhwirenne abon mu sukooko.2Sɛnea sukooko a ɛwɔ nsɔe mu te no,saa ara na me dɔfo te wɔ mmabaa mu.3Sɛnea aprɛ te wɔ kwae mu nnua mu no,saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu.Sɛ metena ne nwini mu a minya ahomekana nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.4Ɔde me akɔ aponto ase,na mʼagyiraehyɛde yɛ ɔdɔ.5Momma me bobe aba na minya ahoɔden,momma me aprɛ na ennwudwo me,efisɛ ɔdɔ ama matɔ beraw.6Ne nsa benkum da mʼatiko,na ne nsa nifa aka me afam ne bo.7Yerusalem mmabea, mede atwewane wuram ɔforote hyɛ mo sɛ:Monnkanyan na munnyan ɔdɔkosi bere a ɛsɛ mu.8Tie! me dɔfo!Hwɛ! ɔno na ɔreba no,ɔrehuruhuruw wɔ mmepɔw no sona ɔbɔ pentenkwa wɔ nkoko no so.9Me dɔfo te sɛ ɔtwe anaa ɔforote.Hwɛ! ogyina yɛn fasu akyi,ɔhwɛ mfɛnsere no mu,wagyen nʼani rehwɛ mfɛnsere no mu.10Me dɔfo kasa kyerɛɛ me se,“Sɔre, me dɔfo ne mʼahoɔfɛna bra me nkyɛn.11Hwɛ! awɔwbere atwa mu;na asusow atwa mu kɔ.12Nhwiren afifi asase ani:nnwonto bere aso.Wɔte mmorɔnoma suwɔ yɛn asase so.13Borɔdɔma agu nhwiren;na bobe hua agye baabiara.Sɔre bra, me dɔfo;mʼahoɔfɛ, bra me nkyɛn.”14Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuru mu,ahintaw wɔ mmepɔw so,ma minhu wʼanim;ma mente wo nne;wo nne yɛ dɛ,na wʼanim yɛ fɛ.15Monkyekyere sakraman no mma yɛn,sakraman nketewa noa wɔsɛe bobe nturo,yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmfrɔm no.16Me dɔfo yɛ me dea, na mewɔ no;ɔhwehwɛ sukooko no mu.17Enkosi sɛ ade bɛkyɛna sunsuma bɛsen akɔ no,dan wo ho, me dɔfo,na yɛ sɛ ɔtwewaanaa ɔforote aɔwɔ nkoko mmonkyi mmonka no so.
No translations available.