1Eyi akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛse na nʼanuonyam hyerɛn wɔ asase so nyinaa.2Ɔteɛɛ mu denneennen se,“ ‘Wahwe ase! Babilonia Kokuroko ahwe ase!’Adan ahonhommɔne tenabeane ahonhom fi nyinaa ahintawee.Nnomaafi a wokyi wɔn nyinaa te ne mu.3Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼaguamammɔ aano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee.Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman,na asase so adwumayɛfo nam nʼahonya mmoroso so nyaa wɔn ho.”4Afei metee sɛ nne foforo bi a efi ɔsoro reka se,“Mumfi, me nkurɔfo,na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu,na mo ne no ankyɛ nʼasotwe!5Efisɛ wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten,na Onyankopɔn akae nʼawudi no.6Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ;nea ɔyɛɛ mo biara no, muntua ne so ka mprenu.Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no nea ano yɛ den mmɔho abien.7Momma nʼayayade ne nʼawerɛhow nnɔɔsosɛ anuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no.Efisɛ daa ɔka se,‘Mete ha sɛ ɔhemmea;menyɛ okunafo,na me werɛ renhow da!’8Eyi nti, nʼamanehunu a ɛyɛ ɔyare,awerɛhow ne ɔkɔm bɛba ne so da bi.Na wɔde ogya ahyew no,efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔkɛse.9“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no hu hye a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu atwa agyaadwo.10Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se,“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn,Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi!Wʼatemmu aba dɔnhwerew baako pɛ mu.’11“Aguadifo a wɔwɔ asase so nso su no, efisɛ obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.12Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, aboɔden abo ne nhene pa, nwera pa ne ɔtamkɔkɔɔ ne sirikyi ne tamkɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asonse adwinne nyinaa, adwinne a wɔde nnua a ne bo yɛ den ayɛ, asanka ne dade ne abohemaa,13ne pɛprɛ ne mmorɔngo, nnuhuam ne kurobow, huamfufu ne nsa ne ngo, asikresiam muhumuhu ne awi, nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.14“Aguadifo no bɛka se, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’15Aguadifo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ wosuro amane a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo,16na wɔaka se:“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn aofura nwera pa ne tamkɔkɔɔna sika ne aboɔdenmmo a nhene pa bobɔ mu.17Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asɛe.’“Hyɛn mu sahene ne hyɛn no mu nnipa, mu adwumayɛfo ne wɔn a wɔka ho a wonya wɔn anoduan fi hyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri.18Wosui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no wusiw no, wɔteɛɛ mu kae se ‘Kuropɔn biara a ne kɛse te sɛɛ mmaa da.’ ”19Wɔbɛtow mfutuma agu wɔn atifi na wɔasu, atwa agyaadwo se,“ ‘Due! Due, wo kuropɔn,wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu nonam wʼahonya so yɛɛ adefo.Na dɔnhwerew baako pɛ mu, woahwere biribiara!’20“Momma mo ani nnye wɔ ne ho, mo ɔsorofo!Momma mo ani nnye,Onyankopɔn nnipa!Momma mo ani nnye, asomafo ne adiyifo!Efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn.”21Afei, ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ awiyammo tow kyenee po mu kae se,“Saa ahoɔden yi arana wɔde bɛtow Babilonia kuropɔn no akyene,a wɔrenhu no bio.22Wɔrente sankubɔfo ne nnwontofo, atɛntɛbɛnhyɛnfo ne torobɛntohyɛnfo nka wɔ mu bio.Wɔrenhu odwumfo biara wɔ wo mu bio.Na wɔrente owiyamfo biara nka wɔ wo mu bio.23Kanea hannrenhyerɛn wɔ wo mu bio.Wɔrente ayeforokunu ne ayeforonne wɔ wo mu bio.Wʼaguadifo yɛ wiase mu nnipa atitiriw.Na wɔde wo ntafowayi adaadaa aman nyinaa.24Ne mu na wohuu adiyifo ne ahotefone wɔn a wokum wɔn wɔ asase so no nyinaa mogya.”