Nnwom99twi_aka
1Awurade di hene,momma amanaman no ho mpopo;ɔte nʼahengua so wɔ kerubim ntam,ma asase nwosow.2Awurade a ɔwɔ Sion yɛ ɔkɛse;wɔama no so wɔ amanaman nyinaa mu.3Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwonwa no,ɔyɛ ɔkronkron.4Ɔhene no yɛ ɔkɛse, ɔdɔ atɛntrenee,woama pɛpɛyɛ atim;wayɛ nea eye na ɛteɛwɔ Yakob mu.5Momma Awurade, yɛn Nyankopɔn sona monsɔre no wɔ ne nan ntiaso anim;ɔyɛ ɔkronkron.6Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfo no ho,na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho;wɔfrɛɛ Awurade,na ogyee wɔn so.7Ofi omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn;wodii mmara ne ahyɛde a ɔmaa wɔn no so.8Awurade, yɛn Nyankopɔn,wugyee wɔn so;woyɛɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn maa Israel,nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.9Momma Awurade yɛn Nyankopɔn sona monsɔre no wɔ ne bepɔw kronkron no so,na Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ ɔkronkron.