Nnwom98twi_aka

Dwom.

1Monto dwom foforo mma Awurade,efisɛ wayɛ anwonwade bebree;ne nsa nifa ne ne basa kronkron noanya nkwagye ama no.2Awurade ama wɔahu ne nkwagyena wada ne trenee adi akyerɛ amanaman no.3Wakae nʼadɔene ne nokware a odi kyerɛɛ Israelfo no;asase ano nyinaa ahuyɛn Nyankopɔn nkwagye.
4Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade,momfa nnwonto nni ahurusi;5Momfa sanku nto dwom mma Awurade,sanku ne nnwonto nnyigyei,6momfa torobɛnto ne adwennini mmɛn,nteɛ mu ahosɛpɛw so wɔ Awurade, yɛn hene no anim.
7Momma po ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa nhuru so;asase ne wɔn a wɔte so nyinaa.8Momma nsubɔnten mmɔ wɔn nsam,mmepɔw nka mmom nto ahurusi nnwom;9ma wɔnto nnwom wɔ Awurade anim,efisɛ ɔreba abebu wiase atɛn.Ɔde trenee bebu wiase atɛnna ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.