Nnwom97twi_aka
1Awurade di hene, ma asase ani nnye;ma akyirikyiri mpoano ahorow no nsɛpɛw wɔn ho.2Omununkum ne sum kabii atwa no ho ahyia;trenee ne atɛntrenee yɛ nʼahengua no fapem.3Ogya di nʼanimna ɛhyew nʼatamfo wɔ afanan nyinaa.4Nʼanyinam hyerɛn wiase;asase hu na ne ho popo.5Mmepɔw nan sɛ nku wɔ Awurade anim,Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.6Ɔsoro pae mu ka ne trenee kyerɛna aman nyinaa hu nʼanuonyam.7Ahonisomfo nyinaa anim agu ase,wɔn a wɔde abosomhuhuw hoahoa wɔn ho no,anyame nyinaa monsɔre no.8Sion te, na ne ho sɛpɛw nona Yuda nkuraa ani gyeAwurade, esiane wʼatɛntrenee nti.9Wo, Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa;wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.10Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyi bɔne,ɔbɔ ne nkurɔfo a wɔyɛ nokwafo no ho banna ogye wɔn fi amumɔyɛfo nsam.11Hann hyerɛn wɔ atreneefo sona anigye ba wɔn a wɔn koma mu tew no so.12Momma mo ani nnye Awurade mu, mo a moyɛ atreneefo,na monkamfo ne din kronkron no.