Nnwom93twi_aka

1Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no;wɔde tumi ahentade ahyɛ Awuradena wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode.Wɔde wiase atim hɔ pintinn;na wɔrentumi ntutu.2Wʼahengua tim hɔ fi tete;na wowɔ hɔ fi mmeresanten.
3Awurade, po ama wɔn ho so,po ama wɔn nne so;po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so.4Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu,nea ɔwɔ tumi sen po nworoso,Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse.
5Awurade, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn;kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyamdaa nyinaa.