Nnwom88twi_aka

Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.

1Awurade, woyɛ me nkwagye Nyankopɔnmisu wɔ wʼanim adekyee ne adesae.2Ma me mpaebɔ nnu wʼanim;brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.
3Ɔhaw ahyɛ me kra mana me nkwa rebɛn owu.4Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ ɔda mu no;mete sɛ obi a onni ahoɔden.5Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufo mu,te sɛ atɔfo a wɔdeda ɔda mu,wɔn a wonkae wɔn bio,na wonhwɛ wɔn bio.
6Woatow me akyene ɔda ase tɔnn,wɔ sum kabii mu.7Wʼabufuwhyew ayɛ duru wɔ me so;woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.8Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afi me nkyɛnwoama me ho ayɛ wɔn ahi.Woaka me ahyɛ mu na mintumi nguan;9awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu.Awurade misu frɛ wo da biara;metrɛw me nsam kyerɛ wo.10Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo ana?Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo ana?11Wɔka wʼadɔe ho asɛm wɔ ɔda mu,anaasɛ wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom ana?12Wohu wʼanwonwade wɔ beae a hɔ aduru sum,anaa wo trenee nnwuma no wɔ awerɛfiri asase so ana?
13Nanso Awurade, misu frɛ wo sɛ boa me;me mpaebɔ du wʼanim adekyee mu.14Adɛn, Awurade, na wopo mena wode wʼanim hintaw me?
15Mahu amane fi me mmofraase na mabɛn owu;wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa abaw.16Wʼabufuwhyew abu afa me so;wʼahunahuna asɛe me.17Daa nyinaa wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri,na wɔabu afa me so koraa.18Woafa me yɔnkonom ne mʼadɔfo afi me nkyɛn kɔ;na sum ayɛ mʼadamfo a ɔbɛn me pɛɛ.