Nnwom82twi_aka

Asaf dwom.

1Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu;obu atɛn wɔ “anyame” mu.
2“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho banna woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn?3Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn;mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban.4Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo;munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam.
5“Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase.Wokyinkyin wɔ sum mu;na asase fapem nyinaa wosow.
6“Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;”mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’7Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ;na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.”8Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn;efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de.