Nnwom8twi_aka

Dawid dwom.

1Awurade, yɛn Awurade,wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa.Wode wʼanuonyamatimtim ɔsoro nohɔ,2mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn anokamfo wo, wʼatamfo nti;na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano.
3Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro,wo nsateaa ano adwuma;ɔsram ne nsoromma awode obiara asi nʼafa a,4onipa ne hena a wokae no,na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?5Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfona wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri.
6Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwumawode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase:7nguankuw ne anantwikuw nyinaane wuram mmoa nso,8wim nnomaane po mu mpataa,nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa.
9Awurade, yɛn Awurade,wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so! Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Ɔba no wu”.