Nnwom79twi_aka
Asaf dwom.
1Ao Onyankopɔn, amanaman no atow ahyɛ wʼagyapade so;wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi,wɔama Yerusalem adan nnwiriwii.2Wɔde wʼasomfo afunu ayɛ aduanama wim nnomaa,na wɔde wʼahotefo nam ama asase so mmoa.3Wɔahwie mogya agu te sɛ nsuwɔ Yerusalem ho nyinaa,na obiara nni hɔ a obesie awufo no.4Yɛayɛ animtiaabude ama yɛn mfɛfo,fɛwdi ne nsopa ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.5Awurade, enkosi da bɛn? Wo bo befuw afebɔɔ ana?Wo ninkunu bɛdɛw sɛ ogya akosi da bɛn?6Hwie wʼabufuw gu amanamana wonnye wo nto mu no so,ahenni awɔmmɔ wo din no;7efisɛ wɔakum Yakobna wɔasɛe nʼatenae.8Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn;ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm,na yɛwɔ ahohiahia mu.9Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn,wo din no anuonyam nti;gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛnwo din nti.10Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman ka se,“Wɔn Nyankopɔn wɔ he?”Yɛn anim ha ara, ma wonhu wɔ amanaman mu sɛwotɔ wʼasomfo mogya a wɔahwie agu no so werɛ.11Ma nneduafo no apinisi nnu wʼanim;fa wo basa ahoɔden nokora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.12Awurade, ahohora a yɛn mfɛfo asum agu wo so no,tua wɔn so ka mpɛn ason.13Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfo, wʼadidibea nguan no,beyi wo ayɛ daa nyinaa;efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso,yɛbɛkɔ so aka wʼayeyi akyerɛ. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sanku nne so.