Nnwom76twi_aka
Asaf dwom.
1Onyankopɔn din ahyeta wɔ Yuda;ne din so wɔ Israel.2Ne ntamadan si Salem,ne tenabea wɔ Sion.3Ɛhɔ na obubuu mmemma a ɛpa gya,nkatabo ne afoa, akode nyinaa mu.4Wo ho hann no hyerɛn,na woso sen mmepɔw a mmoadoma ahyɛ mu ma no.5Mmarima akokodurufo deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma,wɔadeda awufo nna;na akofo no mu baako mpontumi mma ne nsa so.6Yakob Nyankopɔn, wokaa wɔn anim noapɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.7Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wosuro wo.Sɛ wo bo fuw a hena na obetumi agyina wʼanim?8Wubuu atɛn fii ɔsoro,asase suroe, na ɛyɛɛ komm,9bere a wo, Onyankopɔn, sɔre buu atɛn,de gyee amanehunufo wɔ asase no so no.10Ampa ara wʼabufuwhyew a etia nnipa no de ayeyi brɛ wo,na wɔn a wotumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.11Monhyɛ Awurade mo Nyankopɔn no bɔ na munni so;momma nsase a atwa ne ho ahyiamfa ayɛyɛde mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wosuro no no.12Ɔbrɛ sodifonom honhom ase;na asase so ahemfo suro no. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde ma Yedutun.