Nnwom70twi_aka
Dawid adesrɛ dwom.
1Ao, Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa;Awurade bra ntɛm bɛboa me.2Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra noanim ngu ase na wɔnyɛ basaa;ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaamfa animguase nsan wɔn akyi.3Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me nonsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.4Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaansɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,“Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!”5Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo;Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm.Wo ne me boafo ne me gyefo;Awurade, ntwentwɛn wʼanan ase.