Nnwom65twi_aka

Dawid dwom.

1Yɛn Nyankopɔn, ayeyi retwɛn wo wɔ Sion,na yebedi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so.2Wo a woyɛ mpaebɔ tiefo,wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.3Bere a yɛn bɔne menee yɛn no,wo na wode yɛn mmarato kyɛɛ yɛn.4Nhyira nka wɔn a wuyi wɔnma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadiwo hɔ!Nneɛma pa a ɛwɔ wo fi ahyɛ yɛn ma,nea ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.
5Wode trenee nnwuma a ɛyɛ nwonwa ma yɛn mmuae,Onyankopɔn, yɛn agyenkwa,asase so mmaa nyinaa anidasone po so akyirikyiri nso.6Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔwde daa wʼahoɔden adi.7Wudwudwoo po asorɔkye ano,asorɔkye no mmobɔwee,ne amanaman no hooyɛ.8Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwonwade;faako a ade kye, nea anwummere yera,wofrɛ ahurusi nnwom wɔ hɔ.
9Wohwɛ asase no gugu so nsu;woma no yɛ asase pa ma ɛboro so.Wode nsu hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa masɛnea ɛbɛma nnipa no aduan,efisɛ saa ne nea woahyɛ.10Wofɔw nea woafuntum hɔ no fɔkyeena wokaa nkɔmoa no kataa so;wode nsu petee so ma no yɛɛ bɛtɛɛna wuhyiraa so afifide.11Wode nnɔbae bebree wiee afe no,na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so.12Sare so nwura dɔɔsona anigye baa nkoko so.13Nguankuw ahyɛ adidibea hɔ mana awi akata aku no so;wɔbɔ ose, to ahosɛpɛw dwom. Wɔde ma dwonkyerɛfo.