Nnwom62twi_aka
Dawid dwom.
1Me kra wɔ ahomegye wɔ Onyankopɔn nko ara mu;me nkwagye fi ne nkyɛn.2Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye;ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me da.3Mobɛkɔ so ahyɛ onipa so akosi da bɛn,mo nyinaa besum me ahwe fam ana?Ɔfasu a akyea yi, ban a ɛrebu yi?4Ampa, wɔayɛ adwene se wobetu noafi ne dibea a ɛkorɔn no so;wɔn ani gye atorodi ho.Wɔde wɔn ano hyirana wɔn koma mu de, wɔdome.5Yiw me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu;na ne mu na mʼanidaso wɔ.6Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye;ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me.7Me nkwagye ne mʼanuonyam gyina Onyankopɔn so;ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me guankɔbea.8Mo nnipa, momfa mo ho nto ne so daa;monka mo koma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,efisɛ Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea.9Nnipa nyinaa te sɛ home;akɛse ne nkumaa nyinaa nka hwee;sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee;wɔn nyinaa bɔ mu a wɔyɛ home nko.10Mommfa mo ho nto asisi sona monnhoahoa mo ho akorɔnne ho;ɛwɔ mu sɛ mo ahonya dɔɔso de,nanso mommfa mo koma nto so.11Asɛm baako na Onyankopɔn aka,nsɛm abien na mate sɛ,wo, Onyankopɔn, na wowɔ ahoɔden,12na wo, Awurade, na woyɛ adɔe,ampa ara wubetua obiara kasɛnea nʼadwuma te.