Nnwom58twi_aka
Dawid “miktam” dwom.
1So mo asodifo, ampa ara sɛ, moka asɛm a ɛteɛ ana?Mubu atɛntrenee wɔ nnipa mu ana?2Dabi da! Modwene ntɛnkyew wɔ mo koma muna mo nsa de akakabensɛm ba asase so.3Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu;wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro.4Wɔn ano bɔre te sɛ ɔwɔ de,ɛte sɛ ɔprammiri a wawɛn nʼaso,5a ɔnte ntafowayifo dwom,na ne dwom dɛdɛ no mpo mfa ne ho.6Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a egu wɔn anom,Awurade, tutu gyata no sebɔmmɔfo no gu!7Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuan;sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.8Ma wɔnyɛ sɛ nwaw horɔdɔhorɔdɔ bi a ɔrenan agu wɔ bere a ɔretene no.Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a owu wɔ awoe a onhu owia koraa.9Ansa na mo nkuku bɛte nsɔe ano yaw,sɛ ɛyɛ amono anaa awo no, wɔbɛpra amumɔyɛfo akɔ.10Sɛ wɔtɔ were ma atreneefo a wɔn ani begye,na wɔbɛhohoro wɔn anan ho wɔ amumɔyɛfo mogya mu.11Afei nnipa bɛka se, “Ampa ara atreneefo kɔ so nya wɔn akatua;na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu wiase atɛn.” Wɔde ma dwonkyerɛfo.