Nnwom54twi_aka
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no bere a Sififo kɔka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid abehintaw wɔ yɛn mu.”
1Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu;fa wo tumi bu me bem.2Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ;tie mʼanom nsɛm.3Ahɔho retow ahyɛ me so.Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me;nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.4Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo;Awurade ne me hwɛfo.5Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so;wo nokwaredi mu, sɛe wɔn.6Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo;Awurade, meyi wo din ayɛ,efisɛ eye.7Woagye me afi me haw nyinaa mu,na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.