Nnwom5twi_aka

Dawid dwom.

1Awurade, yɛ aso ma me nsɛmna dwen mʼapinisi ho.2Tie me mmoa ho sufrɛ,me Hene ne me Nyankopɔn,efisɛ wo na mebɔ wo mpae.3Awurade, wote me nne anɔpa;anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanimna mede anidaso twɛn.
4Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho;na amumɔyɛfo rentumi ne wo ntena.5Ahantanfo rentumi nnyina wʼanim;wukyi wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.6Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm;Awurade kyimogyapɛfo ne asisifo.
7Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti,mɛba wo fi;na nidi mu na mɛkotowakyerɛ wʼasɔredan kronkron no.8Awurade kyerɛ me kwanwɔ wo trenee mumʼatamfo nti,bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.9Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokware;ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma.Wɔn menewa yɛ ɔda a so abuewɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.10Onyankopɔn, bu wɔn fɔ!Ma wɔn pɔw bɔne nyɛ wɔn asehwe.Pam wɔn; esiane wɔn bɔne dodow no nti,efisɛ wɔasɔre atia wo.
11Nanso ma wɔn a woguan ba wo nkyɛn no ani nnye;ma wɔmfa anigye nto dwom daa.Trɛw wo bammɔ mu wɔ wɔn so,na wɔn a wɔdɔ wo din noma wɔn ani nnye wɔ wo mu.12Awurade, ampa ara, wuhyira atreneefo;na wode wʼayamye twa wɔn ho hyia sɛ nkatabo. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ ɔmfa sankuhama nto wɔ Seminit nne so.